Monday 3 October 2016

AWURADE NE ONIPA ASETENA NHYEHY3E





3nna mu adehunu: Odomankoma ma wabo y3n, nanso 3siane s3 y3nhu no nti, 3mma ebinom ani nwie gye, nanso 3s3 s3 y3n nyinaa ani gye3. Na ohonam a 3ka y3n ho nti na 3mma y3nhu no, nanso ono de3 ohu y3n. Na ohonam no akoy3 s3 asr3nn3 wo y3ne Awurade ntam. Na 3ber3 nyinaa no, Awurade atu aboroo a wohw3 y3n. Na s3 obi b3hunu Awurade mu s3nkyer3nne3 bi a, gyes3 3y3 ono ara ne p3 ne nhyehy3e mu, ansa na ebia, obofoo bi b3yi ne ho adi akyer3 no honam mu. Na s3 nnipa nyinaa b3hunu Awurade mu ns3nkyer3nne3 bi a, gyes3 3nna mu. Saa ber3 no de3, na 3kyer3 s3 asr3nn3 no abue. 3nne3 na afei, nnipa hunu Awurade mu ns3nkyer3nne3. 3no nti, s3 obiara bo mmoden s3 ob3sua 3nna mu adehunu yie, na wanya mpuntuo wo oni Oboade3 no ntam.





Onipa ne Owuo: Odomankoma si no pi s3, okra a oduaa no honam mu no de3 oni no; na onipa wu a osan ba. Na oduaa okra no, te s3 de3 okuani dua ne mfude3. Na aba a okuani rep3 nti na 3ma odua mfude3 no. Na Odomankoma se, okra a odua no honam mu no nso so aba. Na aba pa a okuani nya firi ne mfude3 no mu no, osan de dua asaase koro yi ara so. Na Odomankoma nso, akra a 3soo n’ani no, osan de b3dua honam mu. Yei nti 3s3 s3 ohonam biara y3 asaase pa, na aba a 3b3firi mu no nso aso Awurade ani.



Honhom Kronkron ne nimde3: Nokor3 honhom, a Christ de hy33 asuafoo no bo s3 ob3bisa Agya no, na wasoma ama 3ne won ab3tena no, amma asuafoo no nko ara ba, 3firi s3, na Awurade ahennie mankyekyer3 ber3 aduru, a ode ewiasemma no reb3yo nnwoma ahodoo bebree. Na s3 honhom no amma obi so a, orentumi nyo Awurade adwuma no. Onyame honhom no na 3bue onipa adwenem ma no nya nimde3. Awurade nimde3 no na ode hye3 omankyekyer3 ase maa wiase; na 3wom s3 ode nimde3 no ama y3n de3, nanso yei nkyer3 s3 orenkasa y3n ho bieu. 3te s3 onipa bi a oresi fie, na ode ahy3 adansifoo nsa. S3 onipa no anyo biribi amma adansifoo no a, worentumi nsi fie no. 3no nti s3 Odomankoma nso ankasa wiase ho a, y3rentumi nyo hwee 3firi s3 3ny3 Awurade as3m no nko ara ne nimde3 no, na ns3m pii wo akyire a ode b3ma wiase, ansa na ewiase atumi agyina Awurade nhyehy3e mu. Na 3firi Christ akyiri no, Odomankoma gu so kasa wiase ho; na n’adwumayofoo a onam won so akasa ne: John ne Mohammed ne Elijah 3nna me, Kusi a me de3, afei na mafiri me dwumadie ase3.

0 comments:

Post a Comment

Item Reviewed: AWURADE NE ONIPA ASETENA NHYEHY3E Rating: 5 Reviewed By: Futurehitzgh