Sunday 9 October 2016

AWADIEE NE ASORE NE OMAN YI SIKASEM HO NHYEHYE3 AKWANKYER3








Odomankoma se 3y3 n’anigye s3 oredane saa asem yi ama Nokware kuo no. Afe 1981, Obubuo mu, na Odomankoma maa mede metoo Omanpanin Limann ne ne P.N.P Aban ne Ghanaman mpanimfoo no nyinaa anim s3, Yehowa Nyankopon ne n’adwumayofoo wo oman yi mu a woreb3kyekyere oman yi. Na Op3nimmaa 31, 3da a 3twa too afe 1981 no mu no, Yehowa Nyankopon aban b3dii Ghanaman so; na saa aban yi ne Ghanaman.

Afei Odomankoma maa metoo me nsa mefr33 B.N.I. adwumayofoo, na okaa s3 won so na onam ne P.N.D.C. Aban no b3kasa. Wi3, Ob3nem 15 afe 1984 mu no, awuranom BNI adwumayofoo baanan firii Kumase baa me nkyen wo Kokofu-Adamanu. Odomankoma nam me so boboo nsem beberee a 3fa Omankyekyer3 dwumadie yi ho, bi so mekyer33 won, na 3mu baako ne: Awade3 ho akwankyer3. Awuranom yi ho dwirii won k3se,wo nsem a mekaae3 no ho. 3no nti mewiee3 no, wop33 s3 anka wode me koma Omanpanin Rawlings nanso mesee won s3, Omanpanin ho koro ber3 no nsooe; 3firii s3, Odomankoma wo nnwumma beberee a one n’abofoo reyo no oman yi mu. Afei me, Kusi nso, mewo dawuro a mebo makyere Ghanaman, fa Odomankoma dwumadie a wahyehy3 no oman yi mu no ho.

Wi3, afei na saa dwumadie no nyinaa aba awie3, na Odomankoma redane n’ani ako Aban mu akotoa ho dwumadie no so, na y3reb3sesa nnooma no nyinaa. Seisei Odomankoma ama Nokware kuo no amo wo nnwuma pa bebree a wayo no ho; na Odomankoma nso de nsem titire mmi3nsa yi ho akwankyer3 rema Ghana no . Saa nsemtitire mmi3nsa yi ne:
i. Awade3 ho nhyehye3. ii. Odomankoma nkyer3kyer3 kuo anaas3 Asore 3nna, iii. Oman yi sikasem . Saa nnooma mmi3nsa yi y3 botae3 a ekuta wiase mu k3se na Odomankoma p3 s3 otintim no yie.

1. Awade3 ho nhyehye3 akwankyer3: Odomankoma se, s3 oman biara b3y3 yie a na efiri oman-mma no. Awurade hyehy33 awade3 te s3 kuayo, na s3 okuani nya asaase pa dua so aba a, na onya nnobae pa firi mu. Na Odomankoma resi no pi s3: obiara a ob3da n’awade3 adi akyer3 Aban no, nni ho kwan s3 osan ware obaa foforo ka ne yere no ho. Na 3ne s3, Odomankoma aka ato ho dad s3: Obarima ne ne yere b3ka abom ay3 honam baako. Na s3 woy3 honam baako, na won adwene nso y3 koro a, na 3kyer3 s3 woakoy3 asaase pa, na aba biara a 3b3firi won mu no nso b3y3 aba pa; na wanyini ay3 omanba pa.

3s3 s3 Aban te kuo bi a wob3siesie awade3 mu nsem. S3 saa nhyehye3 yi akyi,obarima bi kofa obaa foforo ka ne yere no ho a, y3nnsi no kwan beberee 3firi s3: i. Saa obaa foforo no nni ky3fa bi awade3 nhyehye3 no mu. ii. Obarima a wakofa obaa foforo ab3ka ne yere ho no nso, Aban mmma no nny3 adwumapanin, na onni ekuo biara nso anim efiri s3: Wamfa obuo amma Yehowa Nyankopon na wanni ne man nso ni. Saa adefudip3 yi na 3wo adwuma mpanimfoo no bi mu a, 3mma oman yi mu nnwoo 3firi s3, y3de adwumayo na 3kyekyere oman.
Afei nso, dwumadie a Odomankoma ne Ghanaman reb3hyehy3 no mu no, 3s3 s3 adwumapanin biara ware yere baako; na 3no na 3kyer3 s3 ode obuo ama Yehowa Nyankopon na ode anidie nso ama ne man 3firi s3 adwumapanin no na oreb3y3 okwankyer3foo ama adwumayofoo no. Na s3 adwumapanin no y3 odefudip3ni a, orenya akwankyer3 pa biara mfa mma adwumayofoo no.
2. Oman yi sikasem ho akwankyer3: Na y3asikasem no de3,3wo y3n man yi ara mu, na y3n ara na y3reb3p3. 3ha ne akwankyer3 no awie3.
Odomankoma boo wiase no, opaepaee akwan bi too ho, a 3s3 s3 ewiasefoo fa so ma won as3m duru n’anim; naono nso asem fa so ba wiase. Saa akwan yi atuatua, na 3nam so ma ewiase-mma no mu beberee de su ne awar3hoo teateam wo Onyakopon anim. Na 3nam yei so nti na 3ma Awurade ka atemmuo ma wiase, na anka atemmuo ny3 adepa a y3ka ma okraa baako mpo.
Afei oman yi mmma no nny3 won nwanwa s3, Awurade b3tumi asesa biribi afiri ha, ama ako wiase mmaa nyinaa. Na s3de3 Awurade sesaa biribi firii baabi, maa no baa Ghana ha no, saa ara nso na ob3tumi asesa biribi afiriGhana ha ama ako amanaman no mu. Na merema omanyi ate ase3 s3, s3de3 Awurade aka s3 ode Ghana ay3 ne man no, saa ara na oreka. Afei afotuo a Odomankoma de rema Ghanaman nie: Ose kane no, na b3d3 na ode ne wiasde yo adwuma, na 3nn3 de3, apampaa na ode reyo. Na seisei, nnwuma bi wo ho a y3nam nkrataaatwer3 so na y3yo.

Nas3 krataa bi b3duruu w’anim, na s3 wotoa so a, 3twa s3 wobo mmoden toa so, ma no koduru baabi a 3s3 s3 3duro, na 3koyo adwuma a 3s3 s3 3yo. Na s3 woantoa so, na wogye to ho, na ankoduru baabi a 3s3 s3 3duru, na ankoyo adwuma a 3s3 s3 3yo, na mmusuo bi firi akyire ba a, 3nne3 na woadi fo Yehowa Nyankopon anim. Nas3 3ba saa a, wote na homan yi mu nko ara de3 a, anka 3y3.
Afei s3 obi yo biribi na 3so oman yi ani a, y3mfa ho abodin mma no, ma 3ny3 akansie. Odomankoma se, dwumadie biara a one oman yi reb3hyehy3 no, mmara biara a 3wo ho no, y3b3hy3 ako y3anim na 3rensan y3akyi.

0 comments:

Post a Comment

Item Reviewed: AWADIEE NE ASORE NE OMAN YI SIKASEM HO NHYEHYE3 AKWANKYER3 Rating: 5 Reviewed By: Futurehitzgh