Sunday 16 October 2016

NIMDEE HO ASEM



Odomankoma se, orema yeate s3, oboo nnipa b3too n'adebo; na nhyehy3e biara a 3ne onipa b3tena na 3b3y3 yie no, oni ara na ohyehy33. Na bieu ono ara na waka s3 : Monso ahonhom nyinaa nhw3 na nob3hunu emu de3 efiri me, Asafo Awurade. Ne saa nti, wo nam nokore kuo so ne Ghnanaman rekasa, s3de3 y3b3te nasem ase nti, ewiase adesua ahodoo ne asetena ahodoo nyinaa no, oda ho fam tim, a onni gyinaber3 biara wo saa nhyehy3e no mu. odomankoma se s3de3 3b3y3 a ne man no begye no adie nti na ode no atofam tim saa no. Na ade3 a ada fam na y3ma so de kyer3, na 3ny3 de3 egyina ho.
Enti enn3, odomankoma wo nkyerekyer3mu bi a, onam nokore kuo yi so de rema mo.


Me, Asafo yehowa na masan maka s3 : Me nnwumma nti s3 honam nnwuma, na m'akwan so nti s3 honam akwan, na s3 de3 ewiase nhunu osoro ne asaase ntam akwansini anaa 3po agya no, saa ara nso na honam biara ntumi nte me nwuma ne me nhyehy3e ase. Na gyese okrabiara a ne honhom wo ne mu, na ob3tumi ate ne nnwuma ase, na ob3hunu m'akwan. Na merema Ghanaman ne Abibiman ne wiase nyinaa ate s3: Mewo akyede3 bi a mede b3ma wiase nyinaa, a obiara de reseisei ne man, nanso eny3 3no nko na 3b3tumi akuta ewiase. Mesan mewo nnoma bi a 3ka ho, na emu baako ne Nimde3. Nimde3 no, 3ma wiase honam fa mu siesie. Baako a aka ho no de3, esiesie ono Awurade ne y3n adasamma ntam asetena; na gyes3 ne mmienu ka bom ansa na asomdwoe3 aba wiase. De3 asiesie wiase ne Awurade ntam asetena no, 3no y3 abibiman de3 a y3reb3yo ho adwuma. Na 3no na seisei, orefr3 Ghanaman mpaninfo ne won ayo 3ho adwuma no. Na ose orema Abibiman ate se, y3mmfa y3n ho nnto odomankoma agyapade3 a ode ama y3n no so, s3 3no nko ara na y3b3tumi de abo y3n bra, na saa agyapade3 koro no ara wama aborokyeman nso bi.

Nimde3 se3, odomankoma de ne dua asi aburokyiman mu, na 3y3 aburofo no dea. Abibiman de3, mmoden biara a 3fata s3 y3bo no, y3abo; s3de3 3b3y3 a anka y3n nsa b3ka saa Nimde3 no bie no bie, nanso 3nam s3 odomankoma amfa amma y3n nti, 3b3si nn3, y3n nsa nkae 3firi s3, 3ny3 y3n Abibiman kyefa ne no.
Amanyoe3 wo nkorabata mmi3nsa, na yeinom ne: Amammuo ne oman kyekyer3 ne omanseisei. Ne mmi3nsa no mu biara wo adwuma a 3yo. Saa ara nso na odomankoma ama wiase: Agyapade3 ne Akansie ne Nimde3. Odomankoma agyapade3 de3, oman biara wo bi 3nna akansie nso oamn biara wo bie nan so Nimde3 de3, Abibiman yo 3ho Adwuma san to 3ho nnoma. saa Nimde3 no, 3y3 honhom mu ade3 na y3nsua, na ne nua nom ne : Nsuo ne ogya. Ne mmi3nsa gyina faako. s3 mene oman yi mpaninfo hyia a , na m3kyer3kyer3 yei mu.
Merema Abibiman ate s3: Me, Asafo Yehowa na me ne won rekasa no, na biribiara nni ho a 3b3si asaase yi so, a mennim. Afei ade3 a y3fr3 no adanse3, me, Asafo Yehowa na mehyehye3e3, sede3 3b3y3 a 3b3yi as3m biara mu nokore apue. 3no nti mama mo ate ase3 s3: saa ns3nkyer3nne3 a menam me diyifo, Elijah ne Osei tutu so b3yoo no oman yi mfinifini a 3y3 asanteman mu no, 3no ara ne adanse3 a 3kyer3 s3 mene oman yi wo dwuma bi die.

Na 3fa y3n nuanom Abibifo a wotoo won koo aburokyiman mu no ho, wone Aburofo yi abom atena ho ab3si nn3. Na wone won asetenam no, 3nam s3 Nimde3 nni ho mma abibiman nti, wonnya yaa bi. S3 3wo ho 3ma Bibiman a, anka woanya Nimde3 no bi, ama anka wonam eno so atu afiri ho, asan aba Abibiman mu ha ab3kyer3 Abibiman ama y3 nnya. Na nokore paa ne s3, odomankoma se Ghanama mma won adwene mmra as3m a oni won reka no Ghana ha so, Ose, s3 Ghanaman tie no a, Ode y3n Abibiman kyefa nso b3ma y3n, ama ene Nimde3 no abom ayo adwuma de asom aba wiase. Ose s3 y3se yeretie no, na Nimde3 no nko ara na y3n3 aburofo no reb3di akyire de3 a, 3nne y3n asetena b3y3 den. odomankoma se : Abibiman mansesae3 ber3 adu.

0 comments:

Post a Comment

Item Reviewed: NIMDEE HO ASEM Rating: 5 Reviewed By: Futurehitzgh