Saturday 8 October 2016

ABRAHAM ABAKOS3M




Christ kaa odefoo bi ne ohiani Lazarus ho as3m. As3m no daa Abraham diber3 adi, s3 oy3 honam nyinaa ti. Asekyer3 a 3wo ha ne s3, Awurade nam Abraham so na ohyehy33 ne man foforo.
Awurade twee Abraham ne Sara awoo koo akyiri, s3 onam awoo no so b3bisa oni Abraham ntam as3m; s3 Abraham b3tie no anaas3 ob3di honam akyire. 3ber3 duruu s3 Awurade bisa Abraham no, omaa ho kwan maa Abraham ne Hagar wooe; na akyire yi oni Sara nso wooe. Na as3mmisa no ni: Awurade kaa s3 Abraham mfa Isaac nkobo afode3 mma no, 3ber3 a Abraham ne Sara di no bakoro. Na y3n nana Abraham nso annwene honam, na mmom odwene Awurade, na ode no boo afode3 maa Awurade.


Sei na 3s3 s3 onipa biara y3 setie ma Awurade, ky3n s3 ob3dwene honam adwene. Na 3nam saa nti, Awurade hyiraa y3n nana Abraham. Saa ara nso na Awurade hyiraa Isaac ne Ishmael, Abraham mmofra mmienu no. Awurade de nkanea mmienu maa Isaac ne Ishmael; na saa nkanea mmienu yi akyi na wiase nyinaa die.


Anka Odomankoma wo tumi s3 oma kanea no y3 baako p3, nanso de3 nti a omaa no y33 mmienu no nie: 3te s3 okuani a odua aburoo, ayuo, atokoo anaas3 3moo. S3 aburoo sei na oredua a, saa kuani yi b3tumi adua n’aburoo no nyinaa dakoro. 3wom s3 wadua no dakoro de3, nanso s3 3redwane a, aburoo no nyinaa ntumi mmom nnwane dakoro; gyes3 3gye ber3 kakra, ansa na ne nyinaa abom adwane. Afei na okuani no atwa ne nyinaa abom, aboa ano agu faako.


Saa na nnipa asetena nso te3. 3no nti na nkanea mmienu yi wo ho. Enti afei, Awurade reka nkanea mmienu no abom ay3 no baako, ama wiase nyinaa akodi 3koro no akyi. Yei ne dwumadie a Awurade ahyehy3, a ode reb3bu oman foforo no.

0 comments:

Post a Comment

Item Reviewed: ABRAHAM ABAKOS3M Rating: 5 Reviewed By: Futurehitzgh